Dwom 16:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 Ɛno nti me koma ne me nipadua nyinaa* di ahurusi. Na mete hɔ* dwoodwoo. Romafo 12:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 Munni ahurusi wɔ anidaso no mu. Mummia mo ani nnyina amanehunu mu.+ Mommɔ mpae daa.+