20Ná ɔbarima tuatewfo bi wɔ hɔ a ne din de Saba+ a ɔyɛ Benyaminni Bikri ba. Ɔbɔɔ abɛn+ kae sɛ: “Yɛne Dawid nni hwee yɛ. Yɛrennya hwee mpo mfi ne hɔ. Ma Yese ba no mfa n’agyapade.+ Israelfo ee, obiara nkɔ ne nyame nkyɛn!”*+
22 Ɛhɔ ara na ɔbea nyansafo no kɔɔ nkurɔfo no nyinaa nkyɛn, na wokotwaa Bikri ba Saba ti, na wɔtow maa Yoab. Ɛnna ɔno nso bɔɔ abɛn maa obiara fii kurow no ho hwetee; obiara kɔɔ ne fi.+ Yoab de, ɔsan kɔɔ ɔhene nkyɛn wɔ Yerusalem.
22 Ɛnna Ɔhene Solomon ka kyerɛɛ ne maame sɛ: “Adɛn nti na worebisa Sunemni Abisag ama Adoniya? Ɛnde bisa ahenni no ka ho ma no ɛ,+ efisɛ ɔyɛ me nua panyin,+ na ɔsɔfo Abiatar ne Seruia+ ba Yoab+ nso taa n’akyi.”