-
2 Samuel 12:8-10Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
8 Mede wo wura fi maa wo,+ na mede wo wura yerenom+ nso guu wo kokom, na mede Israel ne Yuda fi maa wo.+ Ɛno da nkyɛn a, na mepɛ sɛ meyɛ nneɛma bebree nso ma wo.+ 9 Adɛn nti na woabu Yehowa asɛm animtiaa ayɛ n’ani so bɔne yi? Wode sekan akum Hitini Uria,+ na woafa ne yere aware no;+ Ammonfo sekan na wode kum no.+ 10 Esiane sɛ woabu me animtiaa na woafa Hitini Uria yere aware no nti, sekan rempa wo fi da.’+
-