8 Ɛnna Abram ka kyerɛɛ Lot+ sɛ: “Mesrɛ wo, ɛnsɛ sɛ akasakasa biara ba me ne wo ntam ne wɔn a wɔhwɛ me mmoa ne wɔn a wɔhwɛ wo mmoa no ntam, efisɛ yɛyɛ anuanom. 9 Ɛnyɛ asaase no nyinaa na ɛda w’anim yi? Mesrɛ wo, tew wo ho fi me ho. Wofa benkum a, mɛfa nifa; na sɛ wofa nifa a, mɛfa benkum.”