-
Rut 1:16, 17Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
16 Nanso Rut ka kyerɛɛ no sɛ: “Nhyɛ me sɛ minnyaw wo hɔ nsan nkɔ. Baabi a wobɛkɔ no, ɛhɔ na mɛkɔ, baabi a wobɛda no, ɛhɔ na mɛda. Wo man bɛyɛ me man, na wo Nyankopɔn ayɛ me Nyankopɔn.+ 17 Baabi a wubewu no, ɛhɔ ara na mewu, na ɛhɔ ara nso na wobesie me. Gye owu na ɛbɛtetew me ne wo ntam, anyɛ saa a Yehowa ntua me ka na ɔnsan mfa bi nka ho.”
-