-
2 Samuel 15:2-4Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
2 Ná Absalom taa sɔre anɔpatutuutu kogyina kwankyɛn wɔ baabi a wɔfa kɔ kurow no pon ano no.+ Sɛ ɔbarima biara de n’asɛm reba ɔhene anim ama wabu atɛn a,+ Absalom frɛ no bisa no sɛ: “Wufi kurow bɛn so?” na ɔno nso aka sɛ: “W’akoa fi Israel mmusuakuw no baako mu.” 3 Ɛba saa a, na Absalom aka akyerɛ no sɛ: “Hwɛ, w’asɛm yɛ dɛ na wudi bem, nanso obiara nni ɔhene nkyɛn a obetie w’asɛm ama wo.” 4 Ná Absalom taa ka sɛ: “Sɛ me na wɔapaw me ɔtemmufo wɔ asaase no so a, anka hwɛ sɛnea nneɛma bɛyɛ. Anka obiara a ɔwɔ asɛm a ɔpɛ sɛ wodi ma no no bɛba m’anim, na mahwɛ abu atɛntrenee ama no.”
-