9 Nsɛm a ɔkyerɛwee wɔ nkrataa no mu ne sɛ: “Monhyɛ bere mma akɔnkyen, na momma Nabot ntena baguafo no anim. 10 Afei momma mmarima ahuhufo baanu ntena n’anim na wonni adanse ntia no+ sɛ, ‘Woadome Onyankopɔn ne ɔhene!’+ Ɛno akyi no, momfa no mpue nkosiw no abo nkum no.”+