13 Nna kakra bi akyi no, ɔba kumaa no boaboaa ne nneɛma nyinaa ano, na otuu kwan kɔɔ ɔman bi so wɔ akyirikyiri, na ɔkɔbɔɔ ahuhubra de sɛee n’agyapade no nyinaa wɔ hɔ. 14 Bere a ɔsɛee biribiara no, ɔkɔm kɛse bi sii ɔman no mu baabiara, na ne ho kyeree no.