9 Na wɔn a wɔn ani abere sɛ wɔbɛyɛ asikafo no de, wɔtɔ sɔhwɛ ne afiri+ ne nkwasea akɔnnɔ bebree a epira nnipa no mu; na ɛno de nnipa kɔ ɔsɛe pasaa mu.+ 10 Efisɛ nneɛma bɔne nyinaa ntini baako ne sikanibere, na ebinom adi akyi ama wɔayera afi gyidi no ho, na wɔde yaw bebree awowɔ wɔn ho nyinaa.+