1 Samuel 20:33 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 33 Ɛnna Saul tow peaw sɛ ɔde rewɔ no,+ na ɛno maa Yonatan hui sɛ ne papa asi ne bo sɛ obekum Dawid.+ Mmebusɛm 16:32 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 32 Nea ne bo mfuw ntɛm no,+ oye sen ɔkatakyi,Na nea ɔhyɛ n’abufuw so no,* oye sen nea ɔko fa kurow.+ Mmebusɛm 22:24, 25 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 24 Wo ne onipa a ne bo fuw ntɛmntɛm mmfa yɔnko,Na wo ne onipa a ne koko haw no mmmɔ,25 Na woansua n’akwan da,Na woansum wo ho* afiri.+ Mmebusɛm 29:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 Ɔkwasea yi n’abufuw* nyinaa adi,+Na onyansafo de, ɔyɛ dinn hyɛ ne ho so.+
24 Wo ne onipa a ne bo fuw ntɛmntɛm mmfa yɔnko,Na wo ne onipa a ne koko haw no mmmɔ,25 Na woansua n’akwan da,Na woansum wo ho* afiri.+