1 Samuel 18:8, 9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 Saul bo fuwii paa,+ efisɛ n’ani annye nnwom no ho, enti ɔkae sɛ: “Wɔde mpem du ama Dawid; me de, apem na wɔde ama me. Nea aka ara ne sɛ wɔde ahenni no bɛma no!”+ 9 Efi saa da no, Saul nyaa Dawid ho adwemmɔne. Yakobo 3:16 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 16 Na baabiara a ahoɔyaw ne mansotwe* wɔ no, basabasa ne akyiwade biara bi nso wɔ hɔ.+
8 Saul bo fuwii paa,+ efisɛ n’ani annye nnwom no ho, enti ɔkae sɛ: “Wɔde mpem du ama Dawid; me de, apem na wɔde ama me. Nea aka ara ne sɛ wɔde ahenni no bɛma no!”+ 9 Efi saa da no, Saul nyaa Dawid ho adwemmɔne.