-
2 Samuel 12:9-11Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
9 Adɛn nti na woabu Yehowa asɛm animtiaa ayɛ n’ani so bɔne yi? Wode sekan akum Hitini Uria,+ na woafa ne yere aware no;+ Ammonfo sekan na wode kum no.+ 10 Esiane sɛ woabu me animtiaa na woafa Hitini Uria yere aware no nti, sekan rempa wo fi da.’+ 11 Nea Yehowa aka ni, ‘Mɛma mmusu aba wo so, na wo fi na ebefi aba.+ Mede wo yerenom bɛma wo yɔnko barima,+ na wode w’ani behu; ɔne wo yerenom bɛdeda awia ketee.+
-