Dwom 37:21 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 21 Ɔdebɔneyɛfo fɛm ade a, ontua;Ɔtreneeni de, ne yam ye* na ɔkyɛ ade.+ Luka 6:38 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 38 Monkɔ so mma, na nkurɔfo bɛma mo.+ Wɔbɛhyɛ susukuruwa ma, amia so, awosow no ama abu so, na wɔde agu mo ntama mu. Efisɛ ade a mode susuw ma nkurɔfo no, ɛno ara na wɔde besusuw ama mo.” 2 Korintofo 9:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Obiara nyɛ no sɛnea wasusuw wɔ ne komam, ɛnyɛ amemenemfe anaa ɔhyɛ so,+ efisɛ Onyankopɔn dɔ nea ɔde anigye kyɛ ade.+ 1 Timoteo 6:18 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 18 Ka kyerɛ wɔn sɛ wɔnyɛ papa, wɔnyɛ adefo wɔ nnwuma pa mu, wommue wɔn nsam,* wɔnkyɛ ade,+
38 Monkɔ so mma, na nkurɔfo bɛma mo.+ Wɔbɛhyɛ susukuruwa ma, amia so, awosow no ama abu so, na wɔde agu mo ntama mu. Efisɛ ade a mode susuw ma nkurɔfo no, ɛno ara na wɔde besusuw ama mo.”
7 Obiara nyɛ no sɛnea wasusuw wɔ ne komam, ɛnyɛ amemenemfe anaa ɔhyɛ so,+ efisɛ Onyankopɔn dɔ nea ɔde anigye kyɛ ade.+