18 Biribi wɔ hɔ a mahu sɛ eye na ɛfata. Ɛno ne sɛ onipa bedidi na wanom na wanya anigye afi adwumaden a ɔbrɛ ne ho yɛ+ wɔ wiase no mu, adwumaden a ɔyɛ wɔ ne nkwa nna kakra a nokware Nyankopɔn no de ama no no nyinaa mu, efisɛ ɛno ne n’akatua.*+
15 Enti mekae sɛ anigye ye,+ efisɛ adepa biara nni hɔ mma onipa wɔ wiase sen sɛ obedidi na wanom na wagye n’ani. Bere a onipa yɛ adwumaden wɔ ne nkwa nna mu,+ nna a nokware Nyankopɔn no de ama no wɔ wiase no, ɛsɛ sɛ ogye n’ani nso.