Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Ɔsɛnkafo 3:19, 20
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 19 Efisɛ nnipa awiei wɔ hɔ, ɛnna mmoa nso awiei wɔ hɔ; wɔn nyinaa awiei yɛ baako.+ Sɛnea oyi wu te no, saa ara na oyi nso wu te; na wɔn nyinaa wɔ honhom baako.+ Enti onipa nkyɛn aboa, na ade nyinaa yɛ ahuhude. 20 Wɔn nyinaa kɔ faako.+ Wɔn nyinaa fi dɔte mu,+ na wɔn nyinaa san kɔ dɔte mu.+

  • Ɔsɛnkafo 9:2, 3
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 2 Awiei koro no ara na ɛwɔ hɔ ma nnipa nyinaa,+ ɔtreneeni ne ɔbɔnefo,+ apapafo ne wɔn a wɔn ho tew ne wɔn a wɔn ho ntew, wɔn a wɔbɔ afɔre ne wɔn a wɔmmɔ afɔre. Apapafo ne abɔnefo nyinaa yɛ pɛ; nea ɔka ntam ne nea osuro sɛ ɔbɛka ntam nso yɛ pɛ. 3 Eyi ne ahometesɛm a ɛkɔ so wɔ wiase. Ɛne sɛ: Esiane sɛ awiei koro na ɛwɔ hɔ ma nnipa nyinaa nti,+ bɔne ahyɛ nnipa koma ma. Na wɔn nkwa nna nyinaa, abɔdamsɛm wɔ wɔn komam, na afei wowu!*

  • Ɔsɛnkafo 9:11
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 11 Mahu biribi foforo nso wɔ wiase. Ɛne sɛ, ɛnyɛ daa na ahoɔharefo di nkonim wɔ mmirikatu mu, na ɛnyɛ ahoɔdenfo na wodi nkonim ɔko mu,+ na ɛnyɛ daa na anyansafo nya aduan, na ɛnyɛ daa na wɔn a wɔn adwenem dɔ nya ahode,+ na ɛnyɛ daa na esi animdefo yiye;+ efisɛ asiane* to wɔn nyinaa bere a wɔnhwɛ kwan.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena