-
Ɔsɛnkafo 2:4-8Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
4 Meyeyɛɛ nnwuma akɛse.+ Misisii adan;+ meyeyɛɛ bobefuw.*+ 5 Meyeyɛɛ nturo nketewa ne akɛse, na miduaa nnua a ɛsow aba nyinaa bi wom. 6 Meyeyɛɛ atare, na mede emu nsu guguu turom nnua* a ɛrenyin so. 7 Minyaa nkoa ne mfenaa,+ na wɔwoo nkoa* maa me wɔ me fi. Afei nso, minyaa nyɛmmoa bebree, anantwi ne nguan;+ minyaa bebree sen obiara a odii m’anim wɔ Yerusalem. 8 Meboaboaa dwetɛ ne sika kɔkɔɔ ano,+ ahemfo ne ahemman ademude.+ Meboaboaa mmarima ne mmea nnwontofo ano. Na nea ɛma nnipa mma ani gye nso, meboaboaa bi ano, ɔbea, yiw, mmea* bebree.
-