19 Ɛnyɛ owia na ɛbɛma wo hann awiabere bio,
Na ɛnyɛ ɔsram hann na ɛbɛhyerɛn wo so.
Mmom Yehowa bɛyɛ wo hann daa,+
Na wo Nyankopɔn bɛyɛ w’ahoɔfɛ.+
20 W’awia rentɔ bio,
Na wo sram rennum bio,
Efisɛ Yehowa bɛyɛ wo hann daa,+
Na w’awerɛhow nna bɛba awiei.+