-
Leviticus 3:14-16Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
14 Ɔfã a ɔde bɛyɛ afɔre a wɔde ogya hyew ma Yehowa no ni: srade a ɛkata n’ayamde ho, nsono no ho srade nyinaa,+ 15 ne asaabo abien no ne ɛho srade a ɛbɛn n’asen no. Onyi mmerɛbo no ho srade nka asaabo no ho. 16 Ɔsɔfo no nhyew wɔ afɔremuka no so. Eyi yɛ aduan,* afɔre huamhuam* a wɔde ogya hyew. Srade no nyinaa yɛ Yehowa dea.+
-