-
Yeremia 10:14Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
14 Nnipa nyinaa yɛ wɔn ade te sɛ nea wonni adwene ne nimdeɛ.
-
-
Romafo 1:21-23Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
21 Ɛwom sɛ wonim Onyankopɔn de, nanso wɔanhyɛ no anuonyam sɛ Onyankopɔn, na wɔanna no ase nso. Mmom, wodwen adehunu ho, na wɔn koma a ennim nyansa no duruu sum.+ 22 Ɛwom, na wɔka sɛ wonim nyansa, nanso wɔbɛyɛɛ nkwaseafo, 23 na Onyankopɔn a ɔmporɔw no, wɔmaa n’anuonyam bɛyɛɛ sɛ onipa a ɔporɔw honi, ne nnomaa ne mmoa a wɔn nan yɛ anan ne awɔ ne nketew* a wɔporɔw nso ahoni.+
-