Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Esra 1:1, 2
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 1 Persia hene Kores+ afe a edi kan mu no, sɛnea ɛbɛyɛ a Yehowa asɛm a ɔnam Yeremia so kae no+ bɛba mu nti, Yehowa kanyan Persia hene Kores* ma ɔbɔɔ dawuru wɔ n’ahenni nyinaa mu, na ɔsan kyerɛwee+ sɛ:

      2 “Sɛnea Persia hene Kores se ni, ‘Yehowa, ɔsoro Nyankopɔn no, de asaase so ahenni nyinaa ama me,+ na waka akyerɛ me sɛ minsi ofi mma no wɔ Yerusalem+ a ɛwɔ Yuda.

  • Yesaia 41:25
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 25 Manyan obi afi atifi fam, na ɔbɛba;+

      Obi a ofi apuei*+ a ɔbɛbɔ me din,

      Obetiatia atumfo* so te sɛ dɔte,+

      Te sɛ nea ɔnwemfo wɔw dɔte no.

  • Yesaia 45:1
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 45 Sɛɛ na Yehowa aka akyerɛ Kores, nea wasra no no,+

      Nea maso ne nsa nifa mu+

      Sɛ mɛbrɛ aman ase n’anim+

      Na magye ahemfo akode,*

      Na mabue apon a ɛbɔ ho abien wɔ n’anim,

      Sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrento kurow apon no mu no:

  • Yesaia 46:11
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 11 Mɛfrɛ ɔkɔre kɛse afi apuei,*+

      Na mɛfrɛ ɔbarima bi afi akyirikyiri; ɔno na ɔbɛma me gyinaesi* aba mu.+

      Makasa, na mɛma aba mu.

      Mabɔ me tirim, na mɛyɛ nso.+

  • Daniel 10:1
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 10 Persia hene Kores ahenni afe a ɛto so abiɛsa mu no,+ Daniel a na wɔsan frɛ no Beltesasar+ no nyaa oyikyerɛ bi. Ná asɛm no yɛ nokware, na na ɛfa ɔko kɛse bi ho. Ɔtee asɛm no ase, na nea ohui no, wɔma ohuu mu yiye.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena