20 Ɛwom, Yehowa de ahoyeraw bɛyɛ aduan ama wo na ɔde nhyɛso ayɛ nsu ama wo.+ Nanso wo Kyerɛkyerɛfo Kunini no renhintaw bio, na wode w’ani behu wo Kyerɛkyerɛfo Kunini+ no. 21 Sɛ woman fa nifa oo, woman fa benkum oo,+ w’aso bɛte asɛm bi wɔ w’akyi sɛ: “Ɔkwan no ni.+ Fa so.”