-
Yesaia 56:6, 7Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
6 Na ahɔho a wɔaba Yehowa nkyɛn sɛ wɔrebɛsom no
Na wɔadɔ Yehowa din,+
Na wɔayɛ n’asomfo,
Wɔn a wodi Homeda a wongu ho fĩ
Na wokura m’apam mu denneennen nyinaa no,
7 Me nso mede wɔn bɛba me bepɔw kronkron no so+
Na mama wɔadi ahurusi wɔ me mpaebɔ fi.
Wɔn hyew afɔre ne wɔn afɔre ahorow nyinaa, wobegye wɔ m’afɔremuka so.
Na wɔbɛfrɛ me fi mpaebɔ fi ama aman nyinaa.”+
-
-
Yesaia 66:20Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
20 Wɔde mo nuanom nyinaa befi amanaman nyinaa mu abrɛ Yehowa+ sɛ akyɛde. Wɔbɛtenatena apɔnkɔ so, ɔko nteaseɛnam mu, nteaseɛnam a wɔakuru so mu, ne mfurumpɔnkɔ ne yoma a wɔn ho yɛ hare so, na wɔaba Yerusalem, me bepɔw kronkron no so sɛnea Israelfo de wɔn akyɛde gu ade* a emu tew mu ba Yehowa fi no,” Yehowa na waka.
-