-
Yeremia 34:15, 16Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
15 Mo de, nnansa yi ara,* mosesaa mo adwene, na moyɛɛ nea ɛteɛ wɔ m’ani so. Momaa mo nkoa faa wɔn ho dii, na moyɛɛ apam wɔ m’anim wɔ ofi a me din da so no mu. 16 Nanso mosan sesaa mo adwene, na muguu me din ho fĩ,+ efisɛ mutwaa mo ho kɔfaa nkoa ne mfenaa a mugyaa wɔn sɛ wɔmfa wɔn ho nni sɛnea wɔpɛ* no, na mosan hyɛɛ wɔn de wɔn yɛɛ nkoa.’
-