8 Yehowa asɛm baa Yeremia nkyɛn. Ɛbae bere a Ɔhene Sedekia ne Yerusalemfo nyinaa yɛɛ apam sɛ wɔmma obiara mfa ne ho nni,+ 9 na obiara mma ne nkoa a wɔyɛ Hebrifo, mmarima ne mmea nyinaa, mfa wɔn ho nni, sɛnea ɛbɛyɛ a obiara remfa ne nua Yudani nyɛ n’akoa bio.