20 Ɔde wɔn a wofi sekan ano kae no kɔɔ Babilon,+ na wɔyɛɛ nkoa maa ɔne ne mma kosii sɛ Persia ahemman benyaa tumi.+ 21 Eyi maa Yehowa asɛm a ɔmaa Yeremia kae no baa mu+ kosii sɛ asaase no home de tuaa home nna ka a ɛde no.+ Nna dodow a ɛdaa hɔ kwa no, ɛhomee ara kosii sɛ mfe 70 dui.+