Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Deuteronomium 31:16, 17
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 16 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Hwɛ, aka kakraa bi ama woawu,* na ɔman yi du asaase a wɔrekɔ so no so a, wobefi ase ne anyame foforo a wɔatwa wɔn ho ahyia abɔ aguaman.*+ Wobefi m’akyi+ na wɔabu m’apam a me ne wɔn yɛe no so.+ 17 Saa bere no, me bo befuw wɔn denneennen,+ na mɛpo wɔn+ na madan m’ani afi wɔn so+ akosi sɛ wɔbɛsɛe wɔn. Na wobehyia ɔhaw ne abɛbrɛsɛ pii.+ Afei wɔbɛka sɛ, ‘Ɛnyɛ yɛn Nyankopɔn a onni yɛn mfinimfini nti na ɔhaw yi nyinaa aba yɛn so yi?’+

  • Deuteronomium 32:20
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 20 Enti ɔkae sɛ, ‘Ma minyi m’ani mfi wɔn so;+

      Ma menhwɛ sɛnea ebewie wɔn.

      Efisɛ wɔyɛ awo ntoatoaso nkontompofo,+

      Mma a nokware biara nni wɔn mu.+

  • Yesaia 57:17
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 17 Ne bɔne, ne mfaso bɔne+ a odi akyi nti, me bo fuwii.

      Enti mebɔɔ no, na mede m’anim hintawee, na me bo fuwii.

      Nanso ɔkɔɔ so nantewee sɛ ɔkobɔfo,+ odii ne koma akyi.

  • Hesekiel 39:23
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 23 Na amanaman no behu sɛ Israel fi bɔne nti na wotuu wɔn fii wɔn man mu, na esiane sɛ wɔanni me nokware nti+ na mede m’anim hintaw wɔn,+ na mede wɔn hyɛɛ wɔn atamfo nsa,+ na wɔn nyinaa wuwui sekan ano.

  • Mika 3:4
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    •  4 Saa bere no, wobesu afrɛ Yehowa sɛ ɔmmoa wɔn,

      Nanso ɔremmua wɔn.

      Ɔde n’anim behintaw wɔn saa bere no,+

      Wɔn nneyɛe bɔne nti.+

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena