Yesaia 5:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Asafo Yehowa bobefuw no ne Israel fi,+Na afuw a n’ani ku ho no ne Yuda mmarima. Ɔkɔɔ so hwɛɛ atɛntrenee kwan,+Nanso hwɛ! ntɛnkyea na wobui;Ɔhwehwɛɛ adetrenee,Nanso hwɛ! osu ne nteɛteɛm na ɔtee.”+ Yesaia 59:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 Nokware ayera,+Na obiara a ɔtwe ne ho fi bɔne ho no, wɔsesaw ne nneɛma fa. Yehowa hui, na n’ani annye ho,*Efisɛ na atɛntrenee biara nni hɔ.+ Yeremia 5:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 Munkyin Yerusalem mmorɔn so. Montoto mo ani, na monhwɛ. Monhwehwɛ ne mmɔnten so nhwɛ sɛMubehu onipa bi a obu atɛntrenee,+A ɔyere ne ho sɛ obedi nokware anaa.Anka mede kurow no ho bɛkyɛ no. Amos 6:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 Mohwɛ a, apɔnkɔ tu mmirika wɔ abotan so?Anaa obi de anantwi funtum abotan so? Moama atɛntrenee adan awuduru,Na moama trenee aba adan awɔnwene.+ Habakuk 1:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Eyi nti mmara nyɛ adwuma,Na obiara mmu atɛntrenee. Efisɛ abɔnefo atwa atreneefo ho ahyia,Ɛno nti na wɔkyea atemmu.+
7 Asafo Yehowa bobefuw no ne Israel fi,+Na afuw a n’ani ku ho no ne Yuda mmarima. Ɔkɔɔ so hwɛɛ atɛntrenee kwan,+Nanso hwɛ! ntɛnkyea na wobui;Ɔhwehwɛɛ adetrenee,Nanso hwɛ! osu ne nteɛteɛm na ɔtee.”+
15 Nokware ayera,+Na obiara a ɔtwe ne ho fi bɔne ho no, wɔsesaw ne nneɛma fa. Yehowa hui, na n’ani annye ho,*Efisɛ na atɛntrenee biara nni hɔ.+
5 Munkyin Yerusalem mmorɔn so. Montoto mo ani, na monhwɛ. Monhwehwɛ ne mmɔnten so nhwɛ sɛMubehu onipa bi a obu atɛntrenee,+A ɔyere ne ho sɛ obedi nokware anaa.Anka mede kurow no ho bɛkyɛ no.
12 Mohwɛ a, apɔnkɔ tu mmirika wɔ abotan so?Anaa obi de anantwi funtum abotan so? Moama atɛntrenee adan awuduru,Na moama trenee aba adan awɔnwene.+
4 Eyi nti mmara nyɛ adwuma,Na obiara mmu atɛntrenee. Efisɛ abɔnefo atwa atreneefo ho ahyia,Ɛno nti na wɔkyea atemmu.+