-
Yesaia 23:17, 18Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
17 Na mfe 70 awiei no, Yehowa betwa n’ani ahwɛ Tiro, na ɔbɛsan anya n’akatua,* na ɔne wiase ahenni a ɛwowɔ asaase so baabiara bɛbɔ aguaman. 18 Nanso ne mfaso ne n’akatua* bɛyɛ ade kronkron ama Yehowa. Wɔrenkora so, na wɔremfa nsie, efisɛ wɔde n’akatua* bɛma wɔn a wɔte Yehowa anim, na wobedidi amee na wɔahyɛ ntaade a ɛyɛ fɛ.+
-