18 Enti munni ahurusi na momma mo ani nnye daa, ade a merebɔ no nti.
Na hwɛ! Merebɔ Yerusalem ama ɛde anigye aba,
Na merebɔ emufo ama wɔde ahurusi aba.+
19 M’ani begye Yerusalem ho na madi me man ho ahurusi;+
Wɔrente sɛ obi resu anaa obi rebɔ bena wɔ mu bio.”+