19 Hwɛ! Saa bere no, wɔn a wɔhyɛ wo so nyinaa, me ne wɔn bedi.+
Megye nea ɔtɔ gu so no,+
Na maka wɔn a wɔahwete no aboa ano.+
Na mɛma nkurɔfo ayi wɔn ayɛ na wɔagye din
Wɔ asaase a wɔn anim guu ase wɔ so no nyinaa so.
20 Sɛ meboaboa mo ano saa bere no a,
Saa bere no na mede mo bɛba.
Na sɛ meboaboa mo nkurɔfo a wɔakyere wɔn kɔ no ano de wɔn brɛ mo a,
Mɛma moagye din, na nkurɔfo ayi mo ayɛ+ wɔ asaase sofo nyinaa mu,” Yehowa na waka.+