27 Yotam+ bedii hene no, na wadi mfe 25, na odii ade mfe 16 wɔ Yerusalem. Ne maame din de Yerusa, na na ɔyɛ Sadok babea.+ 2 Ɔyɛɛ nea ɛteɛ wɔ Yehowa ani so sɛnea ne papa Usia yɛe no.+ Ɔno de, wammɔ anwura Yehowa asɔrefi hɔ.+ Nanso na ɔman no gu so reyɛ nneɛma bɔne.