8 Bere a wɔhyɛɛ asafo Yehowa anuonyam wiei no, ɔsomaa me kɔɔ amanaman a wɔfom mo nneɛma no nkyɛn,+ na ɔkae sɛ: ‘Obiara a ɔde ne nsa ka mo no, ɔde ne nsa aka m’aniwa kosua.+ 9 Efisɛ seesei merema me nsa so atia wɔn, na wɔn ankasa nkoa bɛfom wɔn nneɛma.’+ Na mubehu ampa sɛ asafo Yehowa na asoma me.