8 Ɔhye no foro kɔfa Hinom Ba Bon*+ no ano kosi Yebusi+ koko no nkyɛnmu wɔ anaafo, kyerɛ sɛ, Yerusalem.+ Na bepɔw a ani kyerɛ Hinom Bon no atɔe fam wɔ Refaim Bon no atifi fam tɔnn no, ɔhye no foro kɔ n’atifi.
16 Ɔhye no sian kɔfa bepɔw a ɛne Hinom Ba Bon+ di nhwɛanim no ho pɛɛ. Saa bepɔw yi kɔ ara kodu Refaim+ Bon* no atifi fam. Na ɔhye no sian kɔfa Hinom Bon mu kɔ Yebusifo+ koko so wɔ anaafo fam, na esian kɔ En-Rogel.+