-
Yesaia 20:3, 4Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
3 Na Yehowa kae sɛ: “Sɛnea m’akoa Yesaia de adagyaw nantew mfe abiɛsa a wanhyɛ mpaboa na ɔde yɛɛ sɛnkyerɛnne+ ne kɔkɔbɔ maa Egypt+ ne Etiopia+ no, 4 saa ara na Asiria hene de wɔn a wɔakyere wɔn afi Egypt,+ ne Etiopiafo a wɔatu wɔn afi wɔn man mu, mmerante ne nkwakoraa nyinaa bɛkɔ wɔ adagyaw mu. Wɔrenhyɛ mpaboa, na wɔn to ho begu hɔ, na Egypt bɛda adagyaw.*
-