37 Ɛnna Hilkia ba Eliakim a ofi* no hyɛ ne nsa, ne Sebna a ɔyɛ ɔkyerɛwfo, ne Asaf ba Yoa a ɔyɛ ɔhene krakye no sunsuan wɔn ntaade mu kɔɔ Hesekia nkyɛn, na wɔkaa Rabsake nsɛm no kyerɛɛ no.
2 Afei ɔsomaa Eliakim a ofi* no hyɛ ne nsa, ne ɔkyerɛwfo Sebna ne asɔfo no mu mpanyimfo no kɔɔ Amus ba odiyifo Yesaia nkyɛn,+ na na wofurafura awerɛhow ntama.