41 Na Farao san ka kyerɛɛ Yosef sɛ: “Hwɛ, mereyɛ wo Egypt asaase nyinaa so panyin.”+42 Afei Farao yii ahyɛnsode kawa fii ne nsa de hyɛɛ Yosef nsa, na ɔde ataade a wɔde nwera pa ayɛ hyɛɛ no, ɛnna ɔde sika kɔkɔɔ kɔnmuade too ne kɔn mu.
15 Afei Mordekai fii ɔhene no anim kɔe, na na ɔhyɛ ahentaade bruu ne fitaa. Ná sika kɔkɔɔ ahenkyɛw fɛfɛɛfɛ hyɛ no, na na ɔsan hyɛ ataade nguguso papa a wɔde ntama afasebiri ayɛ.+ Na Susan* kurow no mufo dii ahurusi.