Hesekiel 27:32, 33 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 32 Na wɔbɛto wo ho awerɛhow dwom* abɔ bena sɛ: ‘Hena na ɔte sɛ Tiro a seesei wɔama wayɛ komm wɔ ɛpo mfinimfini yi?+ 33 Bere a w’aguade fi ɛpo so bae no, womaa aman pii nyaa nea wɔpɛ.+ W’ahonyade ne w’aguade pii no maa asaase so ahemfo nyaa wɔn ho.+ Hesekiel 28:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Wo nyansa ne wo nhumu ama woanya wo ho,Na daa wode sika kɔkɔɔ ne dwetɛ sie w’akorae.+
32 Na wɔbɛto wo ho awerɛhow dwom* abɔ bena sɛ: ‘Hena na ɔte sɛ Tiro a seesei wɔama wayɛ komm wɔ ɛpo mfinimfini yi?+ 33 Bere a w’aguade fi ɛpo so bae no, womaa aman pii nyaa nea wɔpɛ.+ W’ahonyade ne w’aguade pii no maa asaase so ahemfo nyaa wɔn ho.+