-
Yeremia 34:18-20Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
18 Na mmarima a wɔabu m’apam so a wɔanni apam a me ne wɔn yɛe no mu nsɛm so, apam a wɔyɛe wɔ m’anim bere a wɔpaee nantwi ba mu abien na wɔfaa ɔfã ne ɔfã no ntam no,+ 19 kyerɛ sɛ, Yuda mpanyimfo ne Yerusalem mpanyimfo ne ahemfi mpanyimfo ne asɔfo ne asaase no sofo nyinaa, wɔn a wɔfaa nantwi ba a wɔapae mu no ntam no: 20 Mede wɔn bɛhyɛ wɔn atamfo nsa ne wɔn a wɔpɛ sɛ wokunkum wɔn* no nsa, na wɔn afunu bɛyɛ aduan ama wim nnomaa ne asaase so mmoa.+
-