-
Yesaia 40:9Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
Ma wo nne so denneennen,
Ɔbea a wode asɛmpa reba Yerusalem.
Ma so, nsuro.
Ka kyerɛ Yuda nkurow sɛ: “Mo Nyankopɔn ni.”+
-
-
Yeremia 33:10, 11Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
10 “Nea Yehowa aka ni: ‘Kurow yi a mobɛka sɛ asɛe a onipa ne nyɛmmoa nni hɔ bio, Yuda nkurow ne Yerusalem mmorɔn a adeda mpan a nnipa nni hɔ na obi nte hɔ na nyɛmmoa nni hɔ no, 11 wɔbɛsan ate ahurusi nnyigyei ne osebɔ nnyigyei,+ ne ayeforokunu nne ne ayeforo nne, ne nkurɔfo nne a ɛbɛka sɛ: “Monna asafo Yehowa ase, efisɛ Yehowa ye,+ na ne dɔ nni huammɔ; ɛwɔ hɔ daa!”’+
“‘Wɔde aseda afɔre bɛba Yehowa fi,+ efisɛ mɛsan de asaase no sofo a wɔakyere wɔn kɔ no aba sɛ kan no,’ Yehowa asɛm ni.”
-