2 Sɛ mewɔ akwantufo tenabea wɔ sare so a,
Anka megyaw me man hɔ na mafi wɔn nkyɛn akɔ,
Efisɛ wɔn nyinaa yɛ awaresɛefo,+
Nkontompofo fekuw.
3 Wokuntun wɔn tɛkrɛma mu te sɛ agyan;
Nokwaredi ayera; atorodi nko ara na ɛwɔ asaase no so.+
“Wɔkɔ wɔn anim wɔ bɔne mu,
Na wɔmfa me nyɛ hwee,”+ Yehowa asɛm ni.