Dwom 132:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 Sion na Yehowa apaw;+N’ani gyee ho sɛ ɔde hɔ bɛyɛ ne tenabea,+ na ɔkae sɛ: Yesaia 12:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Bɔ ose na di ahurusi, wo a wote Sion,*Efisɛ Israel Kronkronni a ɔwɔ wo mu no so.” Yoel 3:17 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 17 Mubehu sɛ mene Yehowa mo Nyankopɔn a mete Sion, me bepɔw kronkron so no.+ Yerusalem bɛyɛ beae kronkron,+Na ahɔho* rentwam mfa hɔ bio.+ Mika 4:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Wɔn* a na wɔtɔ gu wɔn nan so a wɔaka no, mɛkora wɔn so,+Na wɔn a wɔapam wɔn kɔ akyirikyiri no, mɛyɛ wɔn ɔman kɛse;+Na Yehowa bedi wɔn so hene wɔ Sion Bepɔw so,Fi nnɛ kosi daa. Sakaria 2:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 “O Sion babea, bɔ ose,+ efisɛ mereba,+ na mɛtena wo mu,”+ Yehowa asɛm ni.
17 Mubehu sɛ mene Yehowa mo Nyankopɔn a mete Sion, me bepɔw kronkron so no.+ Yerusalem bɛyɛ beae kronkron,+Na ahɔho* rentwam mfa hɔ bio.+
7 Wɔn* a na wɔtɔ gu wɔn nan so a wɔaka no, mɛkora wɔn so,+Na wɔn a wɔapam wɔn kɔ akyirikyiri no, mɛyɛ wɔn ɔman kɛse;+Na Yehowa bedi wɔn so hene wɔ Sion Bepɔw so,Fi nnɛ kosi daa.