Yesaia 2:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 Na aman pii bɛkɔ akɔka sɛ: “Mommra mma yɛmforo nkɔ Yehowa bepɔw so,Nkɔ Yakob Nyankopɔn fi.+ Ɔbɛkyerɛ yɛn n’akwan,Na yɛbɛnantew n’akwan* so.”+ Na Sion na mmara* befi,Na Yerusalem na Yehowa asɛm befi.+ Yesaia 25:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Bepɔw yi so+ na asafo Yehowa bɛtow aman nyinaa pon;Ɔde aduan pa,+Ɔde nsã pa,*Ɔde aduan pa a hon fra mu,Ɔde nsã pa a wɔasɔn so. Yesaia 52:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 52 O Sion,+ nyan! Nyan! Fa ahoɔden hyɛ!+ O Yerusalem, kurow kronkron, hyɛ w’ataade fɛfɛɛfɛ no!+ Efisɛ nea wontwaa no twetia* ne nea ne ho ntew biara renwura wo mu bio.+ Yeremia 3:17 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 17 Saa bere no, wɔbɛfrɛ Yerusalem sɛ Yehowa ahengua;+ na wɔbɛboaboa aman nyinaa ano abehyia ama Yehowa din wɔ Yerusalem,+ na wɔrenyɛ asoɔden nni wɔn koma bɔne no akyi bio.”
3 Na aman pii bɛkɔ akɔka sɛ: “Mommra mma yɛmforo nkɔ Yehowa bepɔw so,Nkɔ Yakob Nyankopɔn fi.+ Ɔbɛkyerɛ yɛn n’akwan,Na yɛbɛnantew n’akwan* so.”+ Na Sion na mmara* befi,Na Yerusalem na Yehowa asɛm befi.+
6 Bepɔw yi so+ na asafo Yehowa bɛtow aman nyinaa pon;Ɔde aduan pa,+Ɔde nsã pa,*Ɔde aduan pa a hon fra mu,Ɔde nsã pa a wɔasɔn so.
52 O Sion,+ nyan! Nyan! Fa ahoɔden hyɛ!+ O Yerusalem, kurow kronkron, hyɛ w’ataade fɛfɛɛfɛ no!+ Efisɛ nea wontwaa no twetia* ne nea ne ho ntew biara renwura wo mu bio.+
17 Saa bere no, wɔbɛfrɛ Yerusalem sɛ Yehowa ahengua;+ na wɔbɛboaboa aman nyinaa ano abehyia ama Yehowa din wɔ Yerusalem,+ na wɔrenyɛ asoɔden nni wɔn koma bɔne no akyi bio.”