Deuteronomium 31:27 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 27 Na minim sɛ moyɛ atuatewfo+ na mo aso yɛ den.*+ Ɛnnɛ a mete ase mpo na motew Yehowa so atua sɛɛ yi, ɛnde miwu a, minnim nea mobɛyɛ! Yesaia 1:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Nnebɔneyɛfo man, due,+Ɔman a bɔne adonnɔn no,Abɔnefo asefo, mma a wɔaporɔw!* Wɔagyaw Yehowa;+Wɔabu Israel Kronkronni no animtiaa;Wɔadan wɔn akyi akyerɛ no. Yeremia 44:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 Ɛyɛ bɔne a wɔyɛ de hyɛɛ me abufuw no ntia. Wɔkɔbɔɔ afɔre+ maa anyame foforo a wonnim wɔn, anyame a mo ne mo agyanom nyinaa nnim wɔn no, na wɔsom wɔn.+
27 Na minim sɛ moyɛ atuatewfo+ na mo aso yɛ den.*+ Ɛnnɛ a mete ase mpo na motew Yehowa so atua sɛɛ yi, ɛnde miwu a, minnim nea mobɛyɛ!
4 Nnebɔneyɛfo man, due,+Ɔman a bɔne adonnɔn no,Abɔnefo asefo, mma a wɔaporɔw!* Wɔagyaw Yehowa;+Wɔabu Israel Kronkronni no animtiaa;Wɔadan wɔn akyi akyerɛ no.
3 Ɛyɛ bɔne a wɔyɛ de hyɛɛ me abufuw no ntia. Wɔkɔbɔɔ afɔre+ maa anyame foforo a wonnim wɔn, anyame a mo ne mo agyanom nyinaa nnim wɔn no, na wɔsom wɔn.+