15 Wɔn agyanom Nyankopɔn Yehowa somaa ne nkoa kɔkasa kyerɛɛ wɔn mpɛn pii, efisɛ na ne man ne n’asɔrefi* no yɛ no mmɔbɔ. 16 Nanso wɔkɔɔ so goruu nokware Nyankopɔn nkoa no ho+ buu ne nsɛm animtiaa,+ na wodii n’adiyifo no ho fɛw+ kosii sɛ Yehowa abufuw baa ne man so,+ kosii sɛ wɔannya ayaresa bio.
29 Ɛyɛ a wobɔ wɔn kɔkɔ sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛsan aba wo Mmara ho, nanso wodi ahantansɛm na wontie w’ahyɛde;+ na w’atemmusɛm nso, wobu so yɛ bɔne; ɛno nso na sɛ obi di so a, ɔnam so nya nkwa.+ Wɔantie, na mmom wɔyɛɛ asoɔden sinsen wɔn kɔn.