Yesaia 29:17 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 17 Aka kakraa bi, na Lebanon adan turo,+Na wobebu turo no sɛ kwae.+ Yesaia 32:14, 15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 14 Efisɛ wɔagyaw abankɛse no ato hɔ;Wɔagyaw kurow a dede wom no ato hɔ.+ Ofel+ ne ɔwɛn aban* adan sare daa,Na sare so mfurum bedi hɔ agoru,Na nguan adidi hɔ,+15 Kosi sɛ wobehwie honhom afi soro agu yɛn so,+Na sare no adan turo,Na wɔabu turo no sɛ kwae.+
14 Efisɛ wɔagyaw abankɛse no ato hɔ;Wɔagyaw kurow a dede wom no ato hɔ.+ Ofel+ ne ɔwɛn aban* adan sare daa,Na sare so mfurum bedi hɔ agoru,Na nguan adidi hɔ,+15 Kosi sɛ wobehwie honhom afi soro agu yɛn so,+Na sare no adan turo,Na wɔabu turo no sɛ kwae.+