-
Marko 7:32-35Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
32 Na wɔde ɔbarima bi a n’aso asiw a ontumi nkasa yiye brɛɛ no,+ na wɔpaa no kyɛw sɛ ɔmfa ne nsa ngu no so. 33 Na ɔde no fii nnipadɔm no mu kɔɔ nkyɛn baabi, na ɔde ne nsateaa hyehyɛɛ ɔbarima no asom. Afei ɔtew ntasu, na ɔde ne nsa kaa ne tɛkrɛma.+ 34 Na ɔhwɛɛ soro guu ahome kɛse, na ɔkae sɛ: “Hefata,” kyerɛ sɛ, “Bue.” 35 Ɛnna n’aso buei,+ na nea na ɛmma ontumi nkasa yiye no nso kɔe, na ofii ase kasaa yiye.
-