Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • 2 Ahene 18:13
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 13 Ɔhene Hesekia ahenni afe a ɛto so 14 mu no, Asiria hene Senaherib+ foro bae bɛtow hyɛɛ Yuda nkurow a wɔabɔ ho ban nyinaa so, na ɔfae.+

  • 2 Beresosɛm 32:1
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 32 Nsɛm yi ne Hesekia nokwaredi akyi no,+ Asiria hene Senaherib baa Yuda so, na otwaa nkurow a wɔabɔ ho ban no ho hyiae; ná wayɛ n’adwene sɛ obebubu afasu no akɔ mu na wagye afa.+

  • Yesaia 8:7, 8
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    •  7 Hwɛ! Yehowa bɛma

      Asubɔnten no* mu nsu a ano yɛ den na ɛdɔɔso no aba wɔn so,

      Asiria hene+ ne n’anuonyam nyinaa.

      Na obebu afa ne nsuka nyinaa so,

      Na wayiri afa ne kɔn so nyinaa.

       8 Ɔbɛsen akɔfa Yuda.

      Na wayiri afa mu akodu ne kɔn mu pɛɛ;+

      Ne ntaban a watrɛw mu no bedu w’asaase ano nyinaa,

      O Imanuel!”*+

  • Yesaia 10:28-32
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 28 Waba Aiyat+ so;

      Watwam afa Migron;

      Mikmas+ na ɔde ne nneɛma abegu.

      29 Wɔafa baabi a wɔfa twa asu no;

      Wɔakɔda Geba;+

      Rama abɔ hu, na Saul kurow Gibea+ nso aguan.+

      30 O Galim babea, su na teɛteɛm!

      Laisa, yɛ aso tie!

      O Anatot,+ w’asɛm yɛ mmɔbɔ!

      31 Madmena aguan.

      Gebimfo akɔpɛ baabi atɛw.

      32 Ɛnnɛ da yi ara, obegyina Nob.+

      Ɔwosow ne nsa kyerɛ Sion babea bepɔw,

      Yerusalem koko no.

  • Yesaia 33:8
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    •  8 Akwantempɔn ada mpan;

      Obiara nni hɔ a ɔfa akwan no so.

      Wabu apam no so;*

      Wapo nkurow no;

      Ommu onipa dasani biara.+

Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena