Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • 2 Ahene 18:19-25
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 19 Ɛnna Rabsake ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mesrɛ mo, monkɔka nkyerɛ Hesekia sɛ, ‘Nea ɔhenkɛse, Asiria hene, aka ni: “Dɛn koraa na wode wo ho ato so yi?+ 20 Woka sɛ, ‘Mewɔ nyansa ne ahoɔden a metumi de ako,’ nanso ne nyinaa yɛ nsɛnhunu ara kwa. Hena koraa na wode wo ho ato no so a enti woayɛ aniammɔnho atew atua atia me yi?+ 21 Hwɛ! Egypt na wode wo ho ato no so, demmire* a emu abu a sɛ onipa tweri a ɛbɛwɔ ne nsam apue yi!+ Saa na Egypt hene Farao te ma wɔn a wɔde wɔn ho ato no so nyinaa. 22 Na sɛ moka kyerɛ me sɛ, ‘Yehowa, yɛn Nyankopɔn na yɛde yɛn ho ato no so’+ a, ɛnyɛ ɔno ara na Hesekia atutu ne sorɔnsorɔmmea ne n’afɔremuka+ na waka akyerɛ Yuda ne Yerusalem sɛ: ‘Afɔremuka yi anim na monkotow no wɔ Yerusalem’ no?”’+ 23 Afei wopɛ a, wo ne me wura Asiria hene nto nkyia: Mɛma wo apɔnkɔ 2,000, na hwɛ sɛ wubetumi anya mmarima atenatena wɔn so anaa.+ 24 Na sɛ nteaseɛnam ne nnipa a wɔbɛtenatena apɔnkɔ so nti na wode wo ho ato Egypt so a, ɛnde wobɛyɛ dɛn atumi ako atia amrado baako a ɔyɛ me wura nkoa no mu akumaa koraa? 25 Wugye di sɛ Yehowa amma me kwan a anka mɛforo aba sɛ merebɛsɛe ha? Yehowa ankasa na ɔka kyerɛɛ me sɛ, ‘Foro kɔ asaase yi so kɔsɛe no.’”

  • 2 Ahene 19:10
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 10 “Monkɔka nkyerɛ Yuda hene Hesekia sɛ, ‘Mma wo Nyankopɔn a wode wo ho ato no so no nnnaadaa wo sɛ: “Wɔremfa Yerusalem nhyɛ Asiria hene nsa.”+

Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena