4 Nanso Asiria hene hui sɛ Hosea pɛ sɛ ɔtew atua, efisɛ ɔsomaa abɔfo kɔɔ Egypt hene a wɔfrɛ no So nkyɛn,+ na tow a mfe bi a atwam no na otua ma Asiria hene no nso, wantua. Enti Asiria hene kyekyeree no too afiase.
7 “Nea Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka ni, ‘Monkɔka nkyerɛ Yuda hene a ɔsomaa mo bebisaa asɛm wɔ me hɔ no sɛ: “Hwɛ! Farao asraafo a wɔreba abɛboa mo no, wɔbɛsan akɔ Egypt, wɔn asaase no so.+