6 Hosea ahenni afe a ɛto so akron mu no, Asiria hene kɔko faa Samaria.+ Afei ɔsoaa Israelfo kɔɔ+ Asiria, na ɔde wɔn kɔtenatenaa Hala ne Habor wɔ Asubɔnten Gosan+ ho ne Mediafo nkurow mu.+
22 Na bɔne a Yeroboam yɛe no, ɛno ara bi na Israelfo nso yɛe.+ Wɔantwe wɔn ho amfi ho, 23 kosii sɛ Yehowa poo Israel, sɛnea ɔnam ne nkoa adiyifo no nyinaa so kae no.+ Enti wotuu Israelfo fii wɔn asaase so kɔɔ Asiria,+ na wɔatena hɔ de abesi nnɛ.